Deuteronomy 12

Baabi A Awurade Ayi Ama Ɔsom

1Eyinom ne mmara ne ahyɛde a ɛsɛ sɛ mohwɛ na mudi so, mmere dodow a mote asase a Awurade, mo agyanom Nyankopɔn, de ama mo no so. 2Sɛ mutu aman a wɔtete hɔ no fi hɔ a, mosɛe mmeae ahorow bi sɛ mmepɔw atifi, nkoko so, ne nnua a atrɛtrɛw no ase a wɔsom wɔn anyame no nyinaa. 3Mummubu wɔn afɔremuka nyinaa na monyam wɔn ɔsom adum no. Momfa ogya nhyew wɔn abosompɔw na mommobɔ wɔn ahoni a wɔayeyɛ no. Mompepa wɔn ahoni no din mfi mmeae ahorow a ɛwɔ no.

4Mommfa wɔn akwan no so nsom Awurade, mo Nyankopɔn. 5Na mmom, monhwehwɛ faako a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi afi mo mmusuakuw mu ama mo no na munnyina ne din wɔ hɔ sɛ nʼatenae. Beae hɔ na ɛsɛ sɛ mokɔ. 6Ɛhɔ na momfa mo hyew afɔrebɔde mmra mmɛbɔ a mo ntotoso du du, akyɛde sononko, ade a moaka ho ntam sɛ mode bɛba ne afɔrebɔde a efi mo pɛ mu, mo anantwi ne mo nguan mu mmakan nso nka ho. 7Ɛhɔ, Awurade, mo Nyankopɔn no anim hɔ no, na mo ne mo abusuafo bedidi na mo ani agye wɔ biribiara a mode mo nsa aka ho, efisɛ Awurade, mo Nyankopɔn, ahyira mo.

8Nnɛ yi, nea mopɛ biara na moyɛ, nanso ɛnsɛ sɛ ɛba saa, 9efisɛ munnuu ahomegyebea ne agyapade a Awurade, mo Nyankopɔn, de rebɛma mo no hɔ ɛ. 10Nanso mubetwa Asubɔnten Yordan akɔtena asase a Awurade, mo Nyankopɔn, de rema mo sɛ agyapade no so. Na ɔbɛma mo ahomegye ne bammɔ afi mo atamfo a wɔatwa mo ho ahyia no nsam na moatena ase dwoodwoo. 11Momfa biribiara a mehyɛ mo sɛ momfa mmra sɛ ɛyɛ mo ɔhyew afɔrebɔde, ntotoso du du, akyɛde sononko ne mo ɔma ahorow no mfa nhyɛ mo ntanka no mu kena wɔ beae a Awurade, mo Nyankopɔn, beyi ama mo a sɛ monsɔre ne din wɔ hɔ no. 12Mo ne mo mmabarima, mo mmabea ne mo nkoa nyinaa nnye mo ani wɔ hɔ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim. Na monkae Lewifo a wɔtete mo nkurow so no a wonni wɔn ankasa agyapade no. 13Monhwɛ yiye na moammɔ mo hyew afɔre wɔ baabiara a mopɛ. 14Mommɔ wɔ baabi pɔtee a Awurade ayi afi mo mmusua asase bi mu ama mo no nkutoo. Ɛhɔ na monyɛ biribiara a mehyɛ mo sɛ monyɛ no.

15Nanso kurow biara a mopɛ so no, mutumi kum mmoa we sɛnea mukum atwe ne adabɔ no. Mutumi we nam dodow biara a Awurade, mo Nyankopɔn, de behyira mo no. Wɔn a wɔn ho tew ne wɔn a wɔn ho ntew no nyinaa tumi we bi. 16Nanso ɛnsɛ sɛ mudi mogya no. Muntwa ngu fam te sɛ nsu. 17Ɛnsɛ sɛ mudi mo afɔre, ntotoso du du a efi mo atoko mu, mo nsa foforo ne ngo anaa mo anantwi ne mo nguan abakan wɔ mo kurow mu. Biribiara a moaka ho ntam sɛ mode bɛma Awurade anaa nea mufi mo koma mu ahyɛ ho bɔ anaa akyɛde sononko biara no, ɛnsɛ sɛ mudi. 18Mmom, ɛsɛ sɛ mudi wɔ Awurade, mo Nyankopɔn, anim wɔ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, bɛkyerɛ mo a mo, mo mmabarima ne mo mmabea, mo nkoa ne mo mfenaa ne Lewifo a wofi mo nkurow mu ka ho no, munnye mo ani wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no, anim wɔ biribiara a mobɛyɛ no ho. 19Monhwɛ yiye na moanyi Lewifo no mu wɔ mmere dodow a mote mo asase so no.

20Awurade, mo Nyankopɔn, trɛw mo hye mu sɛnea wahyɛ mo ho bɔ no, na sɛ mo kɔn dɔ nam ka se, “Yenya nam bi a anka yɛbɛwe” a, ɛno de, mubetumi awe nam dodow biara a mopɛ. 21Sɛ faako a Awurade, mo Nyankopɔn no, ayi ama mo sɛ monkamfo ne din hɔ no ne mmeae a mowɔ no ntam ware a, mutumi kum mo anantwi anaa nguan a Awurade de ama mo no dodow biara a mopɛ no wɔ mo afi mu sɛnea mahyɛ mo no. 22Monwe sɛnea mowe atwe anaa adabɔ. Wɔn a wɔn ho ntew ne wɔn a wɔn ho tew no nyinaa tumi we bi. 23Monhwɛ sɛ morenni mogya no, efisɛ mogya no ne nkwa no, na ɛnsɛ sɛ mudi nkwa no ne nam no. 24Munni mogya no; mmom, munhwie ngu fam sɛ nsu. 25Munnni mogya no na asi mo ne mo mma yiye, efisɛ moyɛ saa a na moayɛ nea ɛteɛ wɔ Awurade ani so.

26Momfa mo nneɛma a moatew ho ne nea moaka ho ntam sɛ mobɛma biara no, na monkɔ beae a Awurade bɛpaw no. 27Momfa mo ɔhyew afɔre, nam ne mogya no nyinaa, ngu Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka so. Ɛsɛ sɛ muhwie mo afɔrebɔde no mogya no gu Awurade, mo Nyankopɔn no, afɔremuka no nkyɛn. Mmom, mubetumi awe nam no. 28Monhwɛ sɛ mubedi mmara ahorow a mede rema mo yi nyinaa so, na asi mo ne mo mma a wɔbɛba wɔ mo akyi no yiye, efisɛ ɛno na ɛbɛyɛ nea eye ne nea ɛteɛ wɔ Awurade, mo Nyankopɔn no ani so.

29Na Awurade, mo Nyankopɔn no, bedi mo anim kan akɔsɛe aman a morekɔtoa wɔn no na mopam wɔn. Na sɛ mopam wɔn kɔtena wɔn nsase no so, 30na sɛ wonya di mo anim sɛe wɔn a, monhwɛ yiye na moammisa wɔn anyame no ase anka se, “Ɔkwan bɛn so na saa aman yi fa som wɔn anyame? Yɛpɛ sɛ yɛyɛ saa bi,” amfa so ankɔtɔ afiri mu. 31Mommfa wɔn kwan so nsom Awurade, mo Nyankopɔn no, efisɛ wɔn anyame no som mu no, wɔyɛ akyiwade ahorow a Awurade kyi no nyinaa mpɛ. Mpo, wɔhyew wɔn mmabarima ne wɔn mmabea wɔ ogya sɛ wɔde rebɔ afɔre ama wɔn anyame no.

32Monhwɛ sɛ mubedi nea mahyɛ mo no nyinaa so; mommfa bi nka ho na munnyi bi nso mfi mu.
Copyright information for TwiAKNA